Numbers 8

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Aaron se, ‘Sɛ wosɔ akanea ason a ɛwɔ kaneadua no so no a, sɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛtow ne hann no akɔ kaneadua no nʼanim.’ ”

3Aaron yɛɛ saa; ɔsɔɔ akanea no ma ɛtow hann kɔɔ kaneadua no anim, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. 4Sɛnea Wosi yɛɛ kaneadua no ni: Sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛ fii nʼase kosi ne soro. Wɔyɛɛ no sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no ara pɛ.

5Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 6“Yi Lewifo no fi Israelfo no mu na tew wɔn ho. 7Sɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho ni yɛ eyi: Fa ahodwira nsu pete wɔn so. Ma wonyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa, na ama wɔn ho atew. 8Afei, ma wɔmfa nantwinini ba ne aduan afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra a nantwinini ba baako ka ho a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre mmra. 9Frɛ Israelfo no nyinaa hyia na fa Lewifo no bra Ahyiae Ntamadan no pon ano. 10Ɛhɔ na mpanyimfo a wotuatua mmusuakuw no ano no de wɔn nsa begu wɔn so. 11Ɛsɛ sɛ Aaron yɛ nsɛnkyerɛnne bi sɛ ɔde wɔn rema Awurade sɛ akyɛde a efi Israel manfo nyinaa nkyɛn, na asiesie Lewifo no ama wɔayɛ Awurade adwuma.

12“Afei, Lewifo mpanyimfo no de wɔn nsa begu nantwimma no apampam na wɔde wɔn ama Awurade. Wɔde ɔbaako bɛbɔ bɔne ho afɔre na wɔde ɔbaako nso abɔ ɔhyew afɔre de ayɛ mpata ama Lewifo no. 13Afei, wɔde Lewifo no bɛma Aaron ne ne mma te sɛnea wɔde afɔrebɔde biara fa asɔfo so de ma Awurade no.” 14Mobɛfa saa kwan yi so ayi Lewifo no afi Israelfo no mu ama me, na wɔayɛ me dea.

15“Sɛ motew wɔn ho na mofa saa kwan yi so de wɔn ma me a, afei, wobedi ahyɛmfiri wɔ Ahyiae Ntamadan no mu, adi wɔn dwuma. 16Israelfo mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfo, na magye wɔn ato mu asi Israelfo mmakan nyinaa anan, Israelni bea biara abakan barima. 17Israel abakan biara yɛ me de; nnipa ne mmoa nyinaa. Bere a mikunkum Misraimfo mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfo. 18Mafa Lewifo no asi Israelfo mmakan nyinaa anan mu. 19Na mede Lewifo no bɛkyɛ Aaron ne ne mmabarima. Lewifo no na wɔbɛyɛ Ahyiae Ntamadan no mu nnwuma kronkron a anka ɛsɛ sɛ Israelfo no na wɔyɛ, na wɔn na wɔbɛbɔ afɔre ama nkurɔfo de ayɛ mpata ama wɔn sɛnea sɛ Israelfo no kɔ kronkronbea hɔ a ɔyaredɔm biara renka wɔn.”

20Mose ne Aaron ne Israelfo no nyinaa faa ɔkwan a Awurade kyerɛɛ Mose no so pɛpɛɛpɛ de Lewifo no maa Awurade. 21Lewifo no dwiraa wɔn ho, horoo wɔn nneɛma. Na Aaron de wɔn hyɛɛ Awurade nsa sɛ ohim afɔre na ɔyɛɛ wɔn ho mpata adwuma de tew wɔn ho. 22Ɛno akyi no, Lewifo no kɔyɛɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu a na Aaron ne ne mmabarima no hwɛ wɔn so Wɔyɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no.

23Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 24“Eyi kɔ ma Lewifo no: Sɛ Lewini barima biara di mfe aduonu anum a, ma no nsom wɔ Ahyiae Ntamadan mu, 25na sɛ wodi mfe aduonum a, ɛsɛ sɛ wɔapɔn fi adwuma mu a wɔnnyɛ adwuma bio. 26Sɛ wɔpɔn a, wotumi adi dwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ de boa wɔn nuanom, mmom wɔn ankasa de, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ da yɛ adwuma. Eyi ne ɔkwan a momfa so mma Lewifo no adwuma nyɛ.”
Copyright information for TwiAKNA